
wo se kete a bae mu (alor) - daddy lumba lyrics
[chorus]
ao na ɔdɔ ei (mm*mm*mm)
sɛ wosɛ kɛtɛ a, bae mu o
oh, oh
na me ne wo na ɛda ei
ao na ɔdɔ ei (mm*mm*mm)
sɛ wosɛ kɛtɛ a bae mu o
oh, oh
na me ne wo na ɛda ei
ao na ɔdɔ ei (mm*mm*mm)
sɛ wosɛ kɛtɛ a bae mu o
me kwadwo ei
na me ne wo na ɛda ei*ei
ao na ɔdɔ ei (mm*mm*mm)
sɛ wosɛ kɛtɛ a bae mu o
oh, oh
na me ne wo na ɛda ei
[interlude]
[verse 1]
sɛ adeɛ sa a, ah
menam mu o, oh
sɛ ahum tu a*ah
menam mu o, oh
sɛ mehwenti a, mehwe ase a
wo dɔ na ɛma me ahoɔden o
mɛsɔre o, ɔdɔ mereba o
sɛ nsuo ‘tɔ a
menam mu o
ei, sɛ snow gu a, ah
menam mu o
sɔ awɔ kye me a, meyare a
ɔdɔ mpa so na menya ahomka o
nti mensuro o
ɔdɔ mereba o
[chorus]
ao na ɔdɔ ei (mm*mm*mm)
sɛ wosɛ kɛtɛ a bae mu o
me kwadwo ei
na me ne wo na ɛda ei (anadwo yi o)
ao na ɔdɔ ei (mm*mm*mm)
sɛ wosɛ kɛtɛ a bae mu o
anadwo yi o
na me ne wo na ɛda ei
[interlude]
[verse 2]
sɛ mekae nnoɔma bi a woyɛ me ao*oh, haha
me kwadwo ei, afa me tiri mu oh*oh
na mennim sɛ, ha
adeɛ bi wɔ hɔ a ɛ’dɛ, nso asikyire nnim o
no, me nsa anka a mɛwuo o
sɛ mebɛduru a, ɔdɔ ei, ka me ho hye o
na w’aniwamma yi
wohwɛ me a na mate aseɛ o
dum kanea yi
w’aniwamma hyerɛn sɛ nsoroma nti menhia kanea biara
wosɔ me mu a, na m’anum nsɛm asa o
bɔ me nnwom, ha, lumba nnwom, ma no nkɔ nyaa o*oh
na ɔdɔ pa, ɛne ɛnwom pa na ɛkorɔ o*oh
mɛyɛ w’akoa ao
ɔdɔ ei nea wopɛ nkoaa na mɛyɛ o
me kwadwo ei
woresɛe m’adwene o, haha
[chorus]
ao na ɔdɔ ei (mm*mm*mm)
sɛ wosɛ kɛtɛ a bae mu o
oh, oh
na me ne wo na ɛda ei*ei
ao na ɔdɔ ei (mm*mm*mm)
sɛ wosɛ kɛtɛ a bae mu o
me kwadwo ei
na me ne wo na ɛda ei
aw lɔlɔ (mm*mm*mm)
na ɔdɔ paaa na wodɔ me
ohn la kplɔ (aba dɛka ji)
aw lɔlɔ (mm*mm*mm)
na ɔdɔ paaa na wodɔ me
ohn la kplɔ (aba dɛka ji)
lɔlɔ nyɔ (mm*mm*mm)
na ɔdɔ paaa na wodɔ me
ohn la kplɔ (aba dɛka ji)
[outro]
aw lɔlɔ (mm*mm*mm)
na ɔdɔ paaa na wodɔ me
ohn la kplɔ (aba dɛka ji)
Random Song Lyrics :
- eye of the storm - kurtis hoppie lyrics
- bad boy - dae sukpark lyrics
- alliterate breed - pine barons lyrics
- next2u - marty valentine lyrics
- nå! - decibøllene lyrics
- eye to eye (john “j-c” carr & bill coleman 808 beach extended remix) - sia lyrics
- let’s go party - 2012 new evolution in japan ver. - 2ne1 lyrics
- gözlerini kapat ve kar yağdığını hayal et, gerisi gerçek - henry the lee lyrics
- its a good day // eternal - jaymel the rage god lyrics
- mamalagi - renz lyrics