
mmebusem - mc abraham lyrics
[chorus]
me ba ei, hwɛ yie o (mma no nyɛ ansa)
me ba ei, hwɛ yie o (mma no nyɛ ansa)
kae sodom ne gomorrah ɛ (mm)
wantie onyame asɛm nti na (ogya dam’ yi, ogya dam’ yi, ogya dam’ yi)
me ba ei, hwɛ yie o (mma no nyɛ ansa)
me ba ei, hwɛ yie o (mma no nyɛ ansa)
kae sodom ne gomorrah ɛ (mm)
wantie onyame asɛm nti na (ogya dam’ yi, ogya dam’ yi, ogya dam’ yi)
[verse 1]
me ba ei, tie me
brɛ w’aso ase ma me nteaseɛ
pre hwehwɛ adwen pa
ɛmma nimdeɛ mpa w’anum da
na wo nkwa nna aware wɔ asaase yi so
odwamanfoɔ ano, ɛkyin nsɛm sɛ ɛwoɔ a ɛresosɔ
ɔkasa a ɛ’dɛ paa ara, nanso akyire asɛm ɔ’nyono
ano ɔ’nam kyɛn nkrantɛ nufanu
ɔnante kɔ owuo mu, ɔtutu n’anamɔn kɔ asamando
ɔpo ɛnkwa kwan no, ɛnso ɔnnim neɛ ɔ’korɔ
na n’adwen nso mmu no fɔ
ɛnneɛ me mma, montie ɛ
monya aso mma m’afutusɛm yi ɛ
ɛnkɔnantе n’akwan so, ɛnkɔbɛn ne fie pono ano
ɛmfa wo nkwa nkɔhyɛ owudini nsa
bɔ w’agyapadeɛ ho ban, ɛmma nnipahunu bi mmɛfa nkɔdi no kwa
ɛyɛ dеɛn ara aah, wobɛnyini, na wo ho ankyere wo o
saa berɛ no na w’ahoɔden asa
ɛnka no baabi sɛ, “mantie afutusɛm me mmɔfra berɛm’ nti
na mekyiri animka nti, mantie nkyerɛkyerɛ nti
me ampa ara na ɛnnɛ me nie?”
[chorus]
me ba ei, hwɛ yie o (mma no nyɛ ansa)
me ba ei, hwɛ yie o (mma no nyɛ ansa)
kae sodom ne gomorrah ɛ (mm)
wantie onyame asɛm nti na (ogya dam’ yi, ogya dam’ yi, ogya dam’ yi)
wantie onyame asɛm ntira (mma no nyɛ ansa)
wantie onyame asɛm (mma no nyɛ ansa)
wantie onyame asɛm (mm)
sodom ne gomorrah (ogya dam’ yi, ogya dam’ yi, ogya dam’ yi)
[verse 2]
me ba, yɛ aso tie me
fa me mmransɛm sie w’akoma mu ɛ
ɛnkwa wɔ mmransɛm no mu
sɔ mmransɛm no mu yie, fa yɛ w’aniwa kurotwiawisi
fa kyerekyere wo nsa so, bɔ mmɔden twerɛ no w’akoma pono so
ka kyerɛ nyansa sɛ, “me nua baa nnimpɔn ne wo”
na frɛ nhunumuu w’adamfo pa
entie ɔnanani ano, ɔhɔhoɔ a n’ano ka adɔkɔsɛm
hwɛ obi a ɔ’ba ɛ, deɛ wafira adwamanmmɔ tam no
neɛ adwen bɔne abu so wɔ n’akomam’ no
onipa bɔne ni wɔ hɔ yi, ne tɛkyerɛmma sum no feremferem fidie
ɛnkɔdi n’akyi wɔ awerɛfirem’ mma no nkɔku wo kwa
ɛmma no mfa akyirikɔm nkɔkyere awufo nsa
me ba, yɛ aso tie me ɛ
ɛmma w’akoma ma no mfa n’akwan so
wapirapira nnipa beberee, wak*mk*m wo nuanom beberee
dwane gye wo kra firi ne nsam’ ɛ
nyansa ɛ’bɔ wo pono mu, ɛnsisi w’aso wɔ nyansasɛm ho
ma nyansa mmɔ wo abotire, na nyamesuro nyɛ w’akoradeɛ
na nyansa mfitiaseɛ ne nyamesuro
[chorus]
me ba ei, hwɛ yie o (mma no nyɛ ansa)
me ba ei, hwɛ yie o (mma no nyɛ ansa)
kae sodom ne gomorrah ɛ (mm)
wantie onyame asɛm nti (ogya dam’ yi, ogya dam’ yi, ogya dam’ yi)
me ba ei, hwɛ yie o (mma no nyɛ ansa)
me ba ei, hwɛ yie o (mma no nyɛ ansa)
me ba ei, hwɛ yie o (mm)
sodom ne gomorrah (ogya dam’ yi, ogya dam’ yi, ogya dam’ yi)
[interlude]
[verse 3]
hwan na ɛwɔ amaneɛ mu yi? hwan na awerɛhoɔ ahyɛ n’akoma soɔ yi?
hwan na ɛ’di ab00boo yi? hwan na mogya ɛ’tu no yi?
nnipa a ɔsiri pɛ wɔ nsaden ho no ah
ɛnka nsaden nhwɛ, ɛmma no ndaadaa wo
ɛmma no mfa wo nnɔmum, ɛmma no nyɛ wo dɛ o
ɛbɛka wo sɛ aboa ɔwɔ
ɛbɛka wo sɛ ahurutia, worebɛnom akɔtɔ amaneɛ mu kwa
worebɛdwene sɛ ɔkwasea, worebɛgu wo ho anim ase
ɔbɔdam ni ho bɛba mfasoɔ asene wo
worebɛbue w’ano aka sɛ, “mode adeɛ bɔ me koraa a, mente
mobo me a, ɛnyɛ me ya, nsa yi ama me ho ayɛ den
m’ani so te me a, nsa ara na mɛnom”
tworɔ kronkron nso aka sɛ, “ɛnsɛ ɔhene sɛ ɔnom nsaden
otitire sɛ ɔbɛborɔ, na ne werɛ amfiri ne ho o
na w*nka ɔmaninifo anto amaneɛm'”
fa nsaden ma deɛ ɔresɛeɛ, ɛne bobesa ma ɔwerɛhofoɔ
wote hɔ yi, woasɛe anaa? anaasɛ woyɛ ɔwerɛhofoɔ
ɔba nyansafoɔ, yɛbu no bɛ, yɛnka no asɛm
[chorus]
me ba ei, hwɛ yie o (mma no nyɛ ansa)
me ba ei, hwɛ yie o (mma no nyɛ ansa)
kae sodom ne gomorrah ɛ (mm)
wantie onyame asɛm nti na (ogya dam’ yi, ogya dam’ yi, ogya dam’ yi)
me ba ei, hwɛ yie o (mma no nyɛ ansa)
me ba ei, hwɛ yie o (mma no nyɛ ansa)
kae sodom ne gomorrah ɛ (mm)
wantie onyame asɛm nti (ogya dam’ yi, ogya dam’ yi, ogya dam’ yi)
wantie onyame asɛm ntira (mma no nyɛ ansa)
wantie onyame asɛm (mma no nyɛ ansa)
wantie onyame asɛm (mm)
sodom ne gomorrah (ogya dam’ yi, ogya dam’ yi, ogya dam’ yi)
wantie onyame asɛm (mma no nyɛ ansa)
wantie onyame asɛm (mma no nyɛ ansa)
wantie onyame asɛm (mm)
sodom ne gomorrah (ogya dam’ yi, ogya dam’ yi, ogya dam’ yi)
[outro]
me ba ei, hwɛ yie o (mma no nyɛ ansa)
me ba ei, hwɛ yie o (mma no nyɛ ansa)
kae sodom ne gomorrah ɛ (mm)
wantie onyame asɛm nti na (ogya dam’ yi, ogya dam’ yi, ogya dam’ yi)
Random Song Lyrics :
- starter - stereojaeger lyrics
- amorzin pernoite (ao vivo) - marcos & belutti lyrics
- proud of you - kojey radical lyrics
- run pig run. - pink siifu lyrics
- спутник - свет - joyful.devil lyrics
- als ob se'n frau wöhr - wolfgang niedecken lyrics
- when i didn't know you - wizg lyrics
- springar er tingen - the monn keys lyrics
- monkey - physics boys lyrics
- viagem - s4g4z lyrics