lirikcinta.com
a b c d e f g h i j k l m n o p q r s t u v w x y z 0 1 2 3 4 5 6 7 8 9 #

lirik lagu ɔdabɔ – pure akan

Loading...

monto bi na yɛnkɔ ɛ
ɔdabɔ ɔdabɔ ɔdabɔ ɔdabɔ ɔdabɔ ɔdabɔ ɔdabɔ ɔdabɔ
ɔdabɔ ɔdabɔ ɔdabɔ ɔdabɔ ɔdabɔ ɔdabɔ ɔdabɔ ɔdabɔ

nyame na ɔde woato n’adebɔyɛ nyinaa so nti
tumi a ɛnam ewiem nyinaa ara gyina wo ntini
na wode bɛgya wo asefoɔ nyinaa ara nti
hwɛ na ehu a ɛnam wo mogya mu mfiri wo ntini mu
dwen kɛseɛ na woanya kɛseɛ
sɛ ɛso sɛ dɛn wobɛtumi ayɛ

biribiara wonim efiri wo nkwadaa berɛ mu no yɛaka ato wo tiri mu
ɛna ne agya na akyɛ na aso wo so ma agyina wo ntini mu
su ne ehu ne abommfia nyinaa ma ne mfiri wo tiri mu
ma ano nka asɛm pa ne nkoranhyɛ wɔ wo tiri mu

ɔdabɔ ɔdabɔ ɔdabɔ ɔdabɔ ɔdabɔ ɔdabɔ ɔdabɔ ɔdabɔ
ɔdabɔ ɔdabɔ ɔdabɔ ɔdabɔ ɔdabɔ ɔdabɔ ɔdabɔ ɔdabɔ

sɛ wo anim a wonkɔ nyinaa ei sɛ na efiri wo mpaboa
sɛ na efiri wo mpaboa eeeiiiii
yee

wei yɛ dawuro a mebɔ ɛde ayi wo asotire
nni m’ani akyi na wo akoma mu na wode bɛtie
nhwɛ akyiri*akyiri nsɛmfua dabiara wobisa
hwɛ ahwehwɛ mu nea wohunu ɛno ara ne ano yie yie
nti nti nti ɛnkɔsi dabɛn koraa na wobɛsu hia
wonya sika a wodi no fuu wo nngya bi na woakra
me hwɛ wonsa yam a ɛnyɛ nsa a ɛbɛpɛ adwuma
wosɔre anɔpa a wommrɛ dɛn na wode reyɛ
wo to yɛ duru mmɔtohɔ ɛna ɛreku wo akwadworɔ na adi wo so
wopɛ otwa ɛkyiri adɔ ɛkyiri apam enni abotare mfa nhwehwɛ ah
wopɛ sɛ ɛwoɔ sɔ gu wo anum’ nso woaka wo se asi so
woyarе nti no yɛ wo yɛ wo ho aduro
wotumi kura wo nsam hyira wo ho
ɔdabɔ ɔdabɔ ɔdabɔ ɔdabɔ
ɔdabɔ ɔdabɔ ɔdabɔ ɔdabɔ

abaa na ɛda hɔ ma worehwɛ ama kraman abɛka wo
ka wo ka wo kraman abɛka wo
hu agye wo nti worehwɛ no ama wabɛka wo
yеre wo ho na tu wo nan na fa abaa no ka ne so

nti ɛtɔ nea ɛden a wo gyidie bɔbrɛ gyina sɛn
susu ka w’asɛm kyerɛ amanfoɔ
ɛmmoa ne wo anim a worekɔ
efie nni bi a na ɛno nkyerɛ sɛ wo nso wontumi nnya bi
ɛnka wo adwen nsi monhwɛ sɛ ɔredwene akɔ n’akyi
ɔdabɔ
nansa yi deɛ sɛ wonim sɛ woagyae mpaebɔ
(ɔdabɔ)
mahunu sɛ ehu abɔ wo ama woredi adɔna
(ɔdabɔ)
nnan sɛn nie na woyii wo yɛm yɛɛ adɔyɛ
(ɔdabɔ)
nti ɛdɛn na woreyɛ ama nyame ahyira wo
(ɔdabɔ)
sɛ woretie me neɛ abusua abrɛ apɛ ama bi asɔ wo so no
wode bɔ akohwie no sɛ wonim sɛ wonnwene daakye
hunu sɛ egya wɔ hɔ yi woansɔ bi angu mu a
woyi no fua*fua ɛbɛhye atu aseɛ
afei na wo nsa pan
ɔdabɔ ɔdabɔ ɔdabɔ ɔdabɔ
ɔdabɔ ɔdabɔ ɔdabɔ ɔdabɔ

ɔdabɔ ɔdabɔ ɔdabɔ ɔdabɔ ɔdabɔ
o gyae ɛyɛ woa ogyae ɛyɛ woa o gyae ɛyɛ woa
ɔdabɔ ɔdabɔ ɔdabɔ ɔdabɔ ɔdabɔ
ɔdabɔ ɔdabɔ ɔdabɔ

lirik lagu lainnya :

YANG LAGI NGE-TRENDS...

Loading...