lirikcinta.com
a b c d e f g h i j k l m n o p q r s t u v w x y z 0 1 2 3 4 5 6 7 8 9 #

lirik lagu apɔnkye is a goat – pure akan

Loading...

ɛnyɛ me ɛnyɛ me pɛ ne sɛ
w’anbɔ me me ne wo anyɛ pɛ
wabɔ me da mu baako pɛ ɛno na ɛma me yɛ fɛ

apɔnkye yɛ asoɔden
apɔnkye yɛ asoɔden
apɔnkye yɛ asoɔden
apɔnkye ani ɛden

mefiri maame yam baa me kwan na menim sɛ
asɛdeɛ ɛda me so no mɛwie ansa nyame afrɛ me
masi m’adwene pi maboa me ho na obiara nhwɛ me
m’anim ayɛ kusuu na magya m’abɔdwesɛ
daa ananteɛ*ananteɛ me tiri*nhwi amankyere amankyere
ewia no abɔ me so ma wedeɛ me ho ani nyinaa ayɛ tumm
ewia ne ba mabеn ma ɛrehye
babiara mɛfa no biara meporo mе ho nson de gu nkyɛn ahh
wahwɛ mu afrɛ me sɛ mendi kan me ne moshe
mede mo bɛtwa ɛpo kɔkɔɔ no ma obiara nni mo adwen so
mɛkyerɛ mo sɛ mondua mo aduane na
makyerɛ mmofra no sɛ nokorɛ ne sɛ obiara ntumi nni yɛn so

ɛnyɛ mepɛ ne sɛ w’anbɔ me me ne wo anyɛ pɛ
wabɔ me da mu baako pɛ ɛno na ɛma me yɛ fɛ
wate me ato akyire sɛ ɛyɛ me na menhwɛ fie
sɛ ɛyɛ me na menhwɛ sɛ n’asɛm a woaka ato hɔ no bɛyɛ pɛyɛ
wahyɛ me sunsum mu kena
wotu me mprɛnnsa a mɛfifi mprɛnnsa
nea ɛbɛsi biara no bɛkɔ na asan abɛto me
bɛkɔ na asan abɛdan me ne bɔhyɛ asase ɛne ha
efie na ɛwɔ efie na ani ka nti nso hwɛ na pue kɔhwɛ baabi ahunu bi pɛn wɔhɔ yi abue w’ani
ɛbɛsi ɛnnɛ wɔn fatoho ne akwasi
baabi yɛ nso yɛn nyinaa yɛkɔ hwɛ a hwan na agyina yɛakyi
ehh wɔguso daa wɔgye nti yɛn soma
ɔdomfo*k*mfo de aniteɛ dɛn nti a
yɛnka mmɔ mu yi deɛ nea aba ne saa
nea ayɛ yi deɛ yɛretena ho bi daa
fie na mebɛda ɛhe na ɛkye me
ɛhe na mekɔɔeɛ a efie reyɛ afe me yi
tuntum sɛ yoo na m’ani agyina fie nana
mo ma yɛn ani nka ha na yɛntie kasa
ɛnyɛ yɛ pɛ

ɛnyɛ mepɛ ne sɛ wammɔ me me ne wo anyɛ pɛ
wabɔ me da mu baako pɛ ɛno na ɛma me yɛ fɛ
wate me ato akyire sɛ ɛyɛ me na menhwɛ fie
sɛ ɛyɛ me na menhwɛ sɛ n’asɛm a woaka ato hɔ no bɛyɛ pɛyɛ
wahyɛ me sunsum mu kena
wotu me mprɛnnsa a mɛfifi mprɛnnsa
nea ɛbɛsi biara no bɛkɔ na asan abɛto me
bɛkɔ na asan abɛdan me ne bɔhyɛ asase ɛne ha

hwɛ hwɛ agya no ankasa nim nea ɛyɛ ma ne mma
nim nea ɛyɛ ma ne mma
nim nea ɛyɛ ma ne mma
wasoma n’akoa sɛ ɔnbɛka asɛm no ɔnbɛkyɛ asɛm no
nti yɛnya aso ntie ɔsomafoɔ no
mahuri afiri nkoa*hyɛn no mu na maka abibiman so
mebɛdua nnua ayɛ afuo aheman mu wɔ asase yi so
na mafrɛ obiara abusuafoɔ sewaa nna k*maa
wɔfaase mommra yɛnto nsa yɛnnidi yɛndɔ yɛn ho ɛ
na mawo mma ato apete mato wɔn abibi din
maafia kaakyire tawiah momma yɛnkɔdi akwaama ɛ
yɛnkɔ babiara yɛfiri yɛnkɔ hwɛ yɛn nana kurom’
na yɛnkɔ mesrem asase so
na yɛnkaekae yɛn ho yɛn ahoɔden
nea obiara ayi afiri mu nea obiara atwa agya yɛnfa
na yɛn kyerɛkyerɛ nea wiase abɛsua nneɛma ɛkɔɔso nyinaa
ɛyɛ me ara me fie na efiri

ɛnyɛ mepɛ ne sɛ wammɔ me me ne wo anyɛ pɛ
wabɔ me da mu baako pɛ ɛno na ɛma me yɛ fɛ
wate me ato akyire sɛ ɛyɛ me na menhwɛ fie
sɛ ɛyɛ me na menhwɛ sɛ n’asɛm a woaka ato hɔ no bɛyɛ pɛyɛ
wahyɛ me sunsum mu kena
wotu me mprɛnnsa a mɛfifi mprɛnnsa
nea ɛbɛsi biara no bɛkɔ na asan abɛto me bɛkɔ na asan abɛdan me ne bɔhyɛ asase ɛne ha

ɛnti me maka fie
menpere nkɔ aburokyire
sɛ mekɔ akɔyɛ yie efie na ɛyɛ dɛ
hwɛ me fie fɛfɛ ewia bɔ a bɛhwɛ
yɛn yi mmerewa mfiri fie mmofra wɔ asomdwe
polisi nto wɔn tuo m’ani k*m a mekɔ
m’abusua fie akɔda efie na ɛyɛ dɛ
dɛn biom na mepɛ mebɔ me ho mmɔden
na matɔ asase nana nyame akyɛdeɛ
sɛ wawo me ato ha sɛ me nkye m’abusua
nti me nkwa nna nyinaa m’ahoɔden nyinaa
mede bɛyɛ adwuma ama nyame ɛna
me ne me fie nyinaa yɛbɛkamfo ne din

lirik lagu lainnya :

YANG LAGI NGE-TRENDS...

Loading...