lirikcinta.com
a b c d e f g h i j k l m n o p q r s t u v w x y z 0 1 2 3 4 5 6 7 8 9 #

lirik lagu nketenkete – pure akan

Loading...

hmm na neɛ ɛyɛ me awerɛhoɔ koraa ne sɛ
mo akyire mma na mobɛfa ho brɛ
nneɛma bebree na asisi na emu bebree no ara na monte aseɛ
na mesee mekaekae a, ansa na ɔkyɛmfoɔ no bɛto hyɛɛ yɛn so no
kanee no deɛ na emu da hɔ fɔm

ah ah ah
(wokae)
sɛ wokae mmerɛ bi a me ne wo
na yɛdi a na yɛada na yɛasɔre na yɛnnwene hwee
na wokae mmerɛ bi a me ne wo
ne obiara nni asie sɛ wokae na yɛnpere hwee
sɛ wokae mmerɛ bi a kyekye*kule baaso a na ɔma obiara sere serе
na wokae mmerɛ bi a maame dɔkono nе rokoto ma yɛn sua ade
sɛ wokae mmerɛ bi a me ne wo cantata hyɛ aseɛ a na obiara atenase
na wokae mmerɛ bi a me ne wo
buronya duru so a yɛahyɛ buronya ataade
sɛ wokae mmerɛ bi a me ne wo
paapa di na ɛka a na wafrɛ yɛn ma yɛakɔ gye
na wokae mmerɛ bi a anadwo
naana ne yɛn hyia to anansesɛm
nansa yi deɛ

mekɔhwɛ sɛ abele wura no aduru a yɛsee wabɛtwa mu oo
yɛsee wabɛtwa mu o na mante
mekɔhwɛ sɛ atwomɔ wura no aduru a yɛsee wabɛtwa mu oo
yɛsee wabɛtwamu o na mante
mekɔhwɛ sɛ asana wura no aduru a yɛsee wabɛtwa mu oo
yɛsee wabɛtwa mu o na mante
mekɔhwɛ sɛ abele wura no adru a yɛsee wabɛtwa mu oo
yɛsee wabɛtwa mu o na mante
kulukulu baaye abele kulukulu baaye abele
kulukulu
moma mmofra no kwan na wɔn mmra me nkyɛn
na eyinom sɛɛ na daakye yɛ wɔn dea

nkete nkete nkete nkete nkete nkete nkete
nkete nkete nkete nkete nkete nkete nkete
nkete nkete nkete nkete nkete nkete nkete
ɛnnɛ yɛbɛdi agorɔ o maame ei nkete nkete nkete
nkete nkete nkete nkete nkete nkete nkete
nkete nkete nkete nkete nkete nkete nkete
nkete nkete nkete nkete nkete nkete nkete
ɛnnɛ yɛbɛdi agorɔ o paapa ei nkete nkete nkete
nkete nkete nkete nkete nkete nkete nkete
nkete nkete nkete nkete nkete nkete nkete
nkete nkete nkete nkete nkete nkete nkete
ɛnnɛ yɛbɛdi agorɔ o maame ei nkete nkete nkete

mmofra momra yɛndi agorɔ bi
momra menka mo asɛm bi a monyini kɔ a mo werɛ mfi
nansa yi anto akyire ampe ne nyinaa yɛato agu akyire
na yɛasesa nneɛma nyinaa a ɛtwe yɛn kra ɛde kɔ akyire
nkurobɔ ne nyinaa yɛagyae ato hɔ na adɛn
na adwe bɔ
(yɛbɔ)
na yɛdi asra
(yɛbɔ)
na yɛagyae bɔ
(yɛbɔ)
ma yɛn ho pae
(adɛn)
monim sɛ da nyinaa ahoteɛ mu na nyame wɔ
meka sɛ piloloo a monnye trɔm nkɔtetɛ
na mɛhwehwɛ akyere neɛ wɔnsie yie
na ɔkokodurofoɔ no ba bɛgye mo
moti ayɛ yie monni ahurusie
monto peele
wodi baako a wobɛdi mmienu paano hyew
frɛ wo nua bra na san frɛ wo adamfo
monsa anwea mpɛ kpetengɛ na monto
nkabom deɛ ɛyɛ yɛndɔ mmoa yɛn ho yɛn ho
na yɛba wo fie bɛhwa a to yɛn pono sɛ wo ara wo ho ei
nkete nkete nkete nkete nkete nkete nkete
ɛnnɛ yɛbɛdi agorɔ o maame ei nkete nkete nkete
nkete nkete nkete nkete nkete nkete nkete
nkete nkete nkete nkete nkete nkete nkete
nkete nkete nkete nkete nkete nkete nkete
ɛnnɛ yɛbɛdi agorɔ o paapa ei nkete nkete nkete
nkete nkete nkete nkete nkete nkete nkete
nkete nkete nkete nkete nkete nkete nkete
nkete nkete nkete nkete nkete nkete nkete
ɛnnɛ yɛbɛdi agorɔ o maame ei nkete nkete nkete

ɛna eii agya eii ɛna eii agya eii ɛna eii agya eii ɛna eii
ɛna eii agya eii ɛna eii agya eii ɛna eii agya eii ɛna eii

mmofra momra menka mo asɛm bi
momra menbue biribi so nkyerɛ mo mo daakye yɛyie a ehia nti
nansa yi montena fie na moasua adeyɔ
na efie adwuma daa yɛyɛ yi moahunu ne yɔ
mesee monkɔ nsuo na nkukuo bebree si hɔ
modidi wie a monhohoro mu ne nyinaa ka sɛn
aduru anadwo a yɛnhunu mo akyi akwan mokɔhyɛ ɛhefa
ɛyɛ a monna ntɛm na moasɔre ntɛm
mopɛ ntɛm mo nya ntɛm nso monna ntɛm da
mopɛ kwan akɔ
(monnya)
mopɛ kwan akɔ
(monnya)
hwɛ mo nnamfofoɔ
(monnya)
ɛwɔ ahoma so
(monnya)
moyi ahoɔfɛ
(monnya)
agya suban hɔ
(ɛna)
ɛna mo bɛfa sika
(ɛna)
agya ɔdɔ hɔ
mmofra na mode
ɛmma mo nyɛ biom
ɛmma mo nyɛ biom
sika nsene ɔdɔ
momfa nnamfoɔ mmra fie
monnyae mfikyire
esum agudie
dabiara modie
meyi mo asotire
adeɛ a yɛde sie yɛ dɛn a ɛbɛ pue sɛ motie
nkete nkete nkete nkete nkete nkete nkete
ɛnnɛ yɛbɛdi agorɔ o maame ei nkete nkete nkete
nkete nkete nkete nkete nkete nkete nkete
nkete nkete nkete nkete nkete nkete nkete
nkete nkete nkete nkete nkete nkete nkete
ɛnnɛ yɛbɛdi agorɔ o paapa ei nkete nkete nkete
nkete nkete nkete nkete nkete nkete nkete
nkete nkete nkete nkete nkete nkete nkete
nkete nkete nkete nkete nkete nkete nkete
ɛnnɛ yɛbɛdi agorɔ o maame ei nkete nkete nkete

kwa appiah nti wosee ɔkyɛmfoɔ no na wama yɛaka yɛn nan mu
ɔkyɛmfoɔ no deɛ ɔka ho bi mmom
nanso ɛnnɛ wohwɛ mu a biribiara gyina yɛn ara yɛnso
agyina yɛn akokoduro so ɛne yɛn aniɛden so
hmm ɛyɛ me sɛ mframa yi mu asesa kakra
asɛ nea yɛn mu bi afum no
hwan no no hwan na ɛyɛɛ saa
kwa appiah ɛyɛ kofi na afum
kofi ɛyɛ wo anaa?
mmm ɛyɛ mea
ɔdabɔ na adɛn na woretwɛn ama obi ayi wo to
hwɛ yie na woanyɛ ohufoɔ na ehu deɛ ɛnyɛ adepa
wobɔ hu deɛ a, wobɛka woanan mu
ɛyɛ woa ɛyɛ woa ɛyɛ woa ɛyɛ woa
mesi gyae na wo agyae
ohhhh gyae la

lirik lagu lainnya :

YANG LAGI NGE-TRENDS...

Loading...